Psalms 87

Kamfo a wɔkamfo Yerusalem

1 Awurade kyekyeree ne kurow wɔ bepɔw kronkron so;
2Israel baabiara nni hɔ a ɔpɛ sen Yerusalem.
3Tie,
Onyankopɔn kurow, nsɛm nwonwa a ɔka fa wo ho se,
4“Sɛ merehyehyɛ nkurow a wotie me din a, mede Misraim ne Babilonia bɛka ho.
Mɛkan wɔn afra Yerusalem ne Filisti ne Tiro ne Sudanfo mu.”
5Wɔka fa Sion ho se aman nyinaa yɛ ne de na Otumfoɔ bɛhyɛ no den.
6 Awurade bɛkyerɛw nnipa din na ɔde wɔn aka ho sɛ Yerusalem.
7Wɔto dwom saw, se, “Sion ne baabi a nhyira fi ba.”
Copyright information for TwiNAK